Native Bible

Genesis 31:51 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Laban sane ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Aboɔ Kuo yi ni. Nkaeɛdum a mede asi me ne wo ntam no nso nie.

Genesis 31:51 in English

Genesis 31:51 · Berean Standard Bible

Laban also said to Jacob, “Here is the mound, and here is the pillar I have set up between you and me.

Context

49Na wɔsane frɛ aboɔ nkaeɛdum no nso bio sɛ, “Mispa” ɛfiri sɛ, Laban kaa sɛ, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tete mpo a, yɛn mu biara bɛdi saa apam yi so. 50Sɛ woanhwɛ me mmammaa yi yie anaasɛ woware mmaa foforɔ ka me mmammaa yi ho a, ɛwom sɛ merenhunu, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔbɛhunu.” 51Laban sane ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Aboɔ Kuo yi ni. Nkaeɛdum a mede asi me ne wo ntam no nso nie. 52Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi nyɛ adanseɛ sɛ, me Laban, merentra saa Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Aboɔ kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me. 53Ma Abraham Onyankopɔn ne Nahor* Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn nyɛ ɔtemmufoɔ wɔ me ne wo ntam.” Enti, Yakob de nʼagya Isak Onyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɛhyeɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.