Native Bible

Genesis 31:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yakob hunuu sɛ, afei deɛ, Laban nte nʼanim nkyerɛ no sɛ kane no.

Genesis 31:2 in English

Genesis 31:2 · Berean Standard Bible

And Jacob saw from the countenance of Laban that his attitude toward him had changed.

Context

1Yakob tee sɛ Laban mmammarima no reka sɛ, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa firi yɛn agya nneɛma a wafa no.” 2Yakob hunuu sɛ, afei deɛ, Laban nte nʼanim nkyerɛ no sɛ kane no. 3Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sane kɔ wʼabusuafoɔ ne wo nkurɔfoɔ asase so, na mɛdi wʼakyi.” 4Enti, Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea sɛ, wɔmmra ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a ɔne ne nnwankuo no wɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.