1 Mose 30:13
Genesis 30:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Lea kaa sɛ, “Mʼani agye! Afei deɛ, mmaa no bɛfrɛ me anigyeɛ.” Enti, ɔtoo no edin Aser a asekyerɛ ne “Anigyeɛ.”
Genesis 30:13 in English
Genesis 30:13 · Berean Standard Bible
Leah said, “How happy I am! For the women call me happy.” So she named him Asher.*
Context
11Na Lea kaa sɛ, “Akrayɛ bɛn nie.” Enti, ɔtoo abɔfra no edin Gad a asekyerɛ ne, “Asi me yie.” 12Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob. 13Na Lea kaa sɛ, “Mʼani agye! Afei deɛ, mmaa no bɛfrɛ me anigyeɛ.” Enti, ɔtoo no edin Aser a asekyerɛ ne “Anigyeɛ.” 14Ayuotwaberɛ mu ɛda bi, Ruben kɔɔ afuom kɔhunuu afifideɛ bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne maame Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim* no bi.” 15Nanso, Lea de abufuo buaa sɛ, “Woabɛgye me kunu akyiri no, woresane abɛgye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?”
Na Rahel de awerɛhoɔ kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, Yakob mmɛda wo nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.