Native Bible

Genesis 29:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛha deɛ, ɛnyɛ yɛn amanneɛ sɛ yɛde ɔbabaa kumaa ma aware wɔ ɛberɛ a ɔpanin no nwareeɛ.

Genesis 29:26 in English

Genesis 29:26 · Berean Standard Bible

Laban replied, “It is not our custom here to give the younger daughter in marriage before the older.

Context

24Ɛno akyiri no, Laban de nʼafenawa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no. 25Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban sɛ, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel enti na mesom wo? Adɛn enti na woadaadaa me sei?” 26Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛha deɛ, ɛnyɛ yɛn amanneɛ sɛ yɛde ɔbabaa kumaa ma aware wɔ ɛberɛ a ɔpanin no nwareeɛ. 27Ma Lea nni nnawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnawɔtwe no akyiri no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasane asom mfirinhyia nson bio, na mede no ama wo aware.” 28Yakob penee so ne Lea tenaa nnawɔtwe. Ɛno akyiri, ɔsomm mfeɛ nson ansa na Laban de ne babaa Rahel nso maa no wareeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.