Native Bible

Genesis 28:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn gyina atwedeɛ no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Awurade, Abraham Onyankopɔn, ne wʼagya Isak Onyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefoɔ.

Genesis 28:13 in English

Genesis 28:13 · Berean Standard Bible

And there at the top * the LORD was standing and saying, “I am the LORD, the God of your father Abraham and the God of Isaac. I will give you and your descendants the land on which you now lie.

Context

11Ɔduruu baabi na onwunu redwoɔ no, ɔpɛɛ baabi soɛeɛ, ɛfiri sɛ, na adeɛ resa. Ɔfaa ɛboɔ bi wɔ baabi a waduru hɔ de yɛɛ sumiiɛ. 12Ɔdaeɛ no, ɔsoo daeɛ bi. Daeɛ no mu, ɔhunuu sɛ atwedeɛ bi si fam a nʼatifi ka ewiem, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane. 13Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn gyina atwedeɛ no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Awurade, Abraham Onyankopɔn, ne wʼagya Isak Onyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefoɔ. 14Wʼasefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na mobɛtrɛtrɛ akɔ apueeɛ ne atɔeɛ, atifi ne anafoɔ nyinaa. Wo ne wʼasefoɔ mu na wɔfiri bɛhyira ewiase mmusuakuo nyinaa. 15Yeinom nyinaa akyiri no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi, na mɛsane de wo aba saa asase yi so. Merennyaa wo da, kɔsi sɛ ɛbɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.