1 Mose 27:29
Genesis 27:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Amanaman bɛsom wo, na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe. Wobɛdi wo nuanom so, na wo maame mma nso akoto wo. Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa, na wɔn a wɔhyira wo nyinaa nso, wɔbɛhyira wɔn.”
Genesis 27:29 in English
Genesis 27:29 · Berean Standard Bible
May peoples serve you and nations bow down to you. May you be the master of your brothers, and may the sons of your mother bow down to you. May those who curse you be cursed, and those who bless you be blessed.”
Context
27Enti, Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kɔfee nʼano. Ɛberɛ a Isak huaa Yakob atadeɛ mu, na ɔgye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ɔhyiraa no sɛ,
“Ampa ara! Me ba ho hwa te sɛ
ehwa a ɛfiri afuo
a Awurade ahyira so no mu. 28Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ,
na afuom aduane ne nsã mmu wo so. 29Amanaman bɛsom wo,
na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe.
Wobɛdi wo nuanom so, na wo maame mma nso akoto wo.
Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa,
na wɔn a wɔhyira wo nyinaa nso,
wɔbɛhyira wɔn.” 30Isak hyiraa Yakob wieeɛ, na ɔfirii nʼagya nkyɛn kɔeɛ ara pɛ, na ne nua Esau firi nʼahayɔ baeɛ. 31Ɔno nso noaa akɔnnɔduane brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Agya, sɔre na di me hanamduane no, na hyira me.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.