Native Bible

Genesis 26:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.”

Genesis 26:5 in English

Genesis 26:5 · Berean Standard Bible

because Abraham listened to My voice and kept My charge, My commandments, My statutes, and My laws.”

Context

3Tena asase yi so kakra, ɛfiri sɛ, mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ, na mede asi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua. 4Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase aman ahodoɔ nyinaa. 5Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.” 6Enti, Isak tenaa Gerar. 7Ɛberɛ a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me nuabaa.” Ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛsiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ enti, anhwɛ a, na kurom hɔ mmarima akum no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.