Native Bible

Genesis 25:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn a wɔdidi so yi yɛ Ismael mmammarima a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wɔdidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,

Genesis 25:13 in English

Genesis 25:13 · Berean Standard Bible

These are the names of the sons of Ishmael in the order of their birth: Nebaioth the firstborn of Ishmael, then Kedar, Adbeel, Mibsam,

Context

11Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa ɛberɛ no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no. 12Yei ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefoɔ ho asɛm. 13Wɔn a wɔdidi so yi yɛ Ismael mmammarima a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wɔdidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam, 14Misma, Duma, Masa, 15Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.