Native Bible

Genesis 24:51 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.”

Genesis 24:51 in English

Genesis 24:51 · Berean Standard Bible

Rebekah is here before you. Take her and go, and let her become the wife of your master’s son, just as the LORD has decreed.”

Context

49Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔeɛ adi no nokorɛ a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛhunu ɛkwan ko a mɛfa so.” 50Laban ne Betuel buaa sɛ, “Saa asɛm yi firi Awurade enti, yɛnni ho asɛm biara. 51Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.” 52Ɛberɛ a Abraham ɔsomfoɔ no tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuu nkotodwe wɔ Awurade anim. 53Afei, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinneɛ ne ntadeɛ maa Rebeka. Ɔsane de nneɛma a ɛsom bo yie yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne maame ayɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.