Native Bible

Genesis 24:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so.

Genesis 24:29 in English

Genesis 24:29 · Berean Standard Bible

Now Rebekah had a brother named Laban, and he rushed out to the man at the spring.

Context

27“Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɔnnyaee nokorɛdie ne ayamyɛ a ɔyɛ ma me wura no. Me deɛ, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantuo yi mu, de me abɛduru me wura abusuafoɔ fie.” 28Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisie no nyinaa kyerɛɛ ne maame fiefoɔ. 29Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so. 30Laban hunuu hwenemukawa no ne nkapo a ɛgu ne nuabaa no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kɔhunuu sɛ ɔgyina nyoma no ho wɔ asubura no so. 31Laban ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Ɔbisaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na wogyina kurotia ha? Masiesie wo daberɛ ne baabi a nyoma no nso bɛda.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.