Native Bible

Genesis 24:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔduruu Nahor kurotia no, ɔmaa nyoma no butubutuu abura bi a ɛwɔ hɔ ho. Na onwunu adwo a ɛyɛ ɛberɛ a mmaa bɛto nsuo wɔ abura no mu.

Genesis 24:11 in English

Genesis 24:11 · Berean Standard Bible

As evening approached, he made the camels kneel down near the well outside the town at the time when the women went out to draw water.

Context

9Enti, ɔsomfoɔ no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam. 10Afei, ɔsomfoɔ no faa ne wura nyoma no mu edu kɔeɛ. Ɔrebɛkɔ no, ɔgyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahodoɔ bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, kɔduruu Nahor kuro mu. 11Ɔduruu Nahor kurotia no, ɔmaa nyoma no butubutuu abura bi a ɛwɔ hɔ ho. Na onwunu adwo a ɛyɛ ɛberɛ a mmaa bɛto nsuo wɔ abura no mu. 12Na ɔsomfoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, hunu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantuo yi nsi yie. 13Hwɛ, megyina abura yi so, na kuro yi mu mmabaawa rebɛto nsuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.