Native Bible

Genesis 23:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Efron buaa Abraham sɛ,

Genesis 23:14 in English

Context

12Bio Abraham de obuo ne anidie bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfoɔ no anim, 13ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkaeɛ no sɛ, “Mesrɛ mo, ɔmanfoɔ, monyɛ aso mma me. Momma mentua asase no ka. Mompene so mma me, na mennya ɛkwan nkɔsie mʼamu no.” 14Efron buaa Abraham sɛ, 15“Me wura, tie me! Asase no boɔ yɛ dwetɛ kilogram ɛnan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako anaa? Meregye saa sika yi ayɛ ɛdeɛn? Kɔsie wʼamu no!” 16Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram ɛnan ne fa a ɛyɛ asase no boɔ de maa Efron. Saa ara na na adwadifoɔ tɔn asase wɔ Hetifoɔ ɔman mu, na Hetifoɔ mpanimfoɔ no dii dwumadie no ho adanseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.