Native Bible

Genesis 22:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no,

Genesis 22:6 in English

Genesis 22:6 · Berean Standard Bible

Abraham took the wood for the burnt offering and placed it on his son Isaac. He himself carried the fire and the sacrificial knife, and the two of them walked on together.

Context

4Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri. 5Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, “Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsane aba.” 6Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, 7Isak frɛɛ nʼagya Abraham sɛ, “Agya!” Ɛnna Abraham buaa sɛ, “Me ba, asɛm bɛn?” Isak bisaa no sɛ, “Egya ne anyina no nie, na odwammaa a yɛde no rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?” 8Abraham buaa sɛ, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.