Native Bible

Genesis 21:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson firii nnwankuo no mu gyinaa fa.

Genesis 21:28 in English

Genesis 21:28 · Berean Standard Bible

Abraham separated seven ewe lambs from the flock,

Context

26Nanso, Abimelek kaa sɛ, “Mennim onipa ko a ɔyɛɛ saa adeɛ no. Woammɔ me ho amaneɛ. Ɛnnɛ na mate saa asɛm yi.” 27Enti, Abraham de nnwan ne anantwie brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam. 28Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson firii nnwankuo no mu gyinaa fa. 29Na Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Nnwanten mma abereɛ nson a woayi wɔn agyina fa yi ase kyerɛ sɛn?” 30Abraham buaa sɛ, “Nʼasekyerɛ ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rema wo de adi adanseɛ sɛ, me na metuu saa abura yi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.