Native Bible

Genesis 2:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Awurade Onyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Ɛberɛ a onipa daa saa no, ɔyii ne mfe mu mpadeɛ baako, na ɔde honam taree deɛ ɔyii mpadeɛ hɔ no.

Genesis 2:21 in English

Genesis 2:21 · Berean Standard Bible

So the LORD God caused the man to fall into a deep sleep, and while he slept, He took one of the man’s ribs * and closed up the area with flesh.

Context

19Saa ɛberɛ no na, Awurade Onyankopɔn de mfuturo abɔ wiram mmoa ne ewiem nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ edin ko a ɔde bɛtoto wɔn. Edin a onipa de too abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ no. 20Enti, onipa totoo nyɛmmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoa no nyinaa edin. Nanso, onipa deɛ, wannya ɔboafoɔ a ɔfata no. 21Enti, Awurade Onyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Ɛberɛ a onipa daa saa no, ɔyii ne mfe mu mpadeɛ baako, na ɔde honam taree deɛ ɔyii mpadeɛ hɔ no. 22Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no. 23Na Adam kaa sɛ, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi nie. Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri sɛ, ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.