Native Bible

Genesis 19:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na ɔbabaa panin no ne no kɔdaeɛ. Lot anhunu ɛberɛ korɔ a ne babaa panin no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ korɔ a ɔsɔre kɔeɛ.

Genesis 19:33 in English

Genesis 19:33 · Berean Standard Bible

So that night they got their father drunk with wine, and the firstborn went in and slept with her father; he was not aware when she lay down or when she got up.

Context

31Ɛda koro bi, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Yɛn agya abɔ akɔkoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛdeɛ wɔyɛ no ewiase baabiara no. 32Ne saa enti, ma yɛmma yɛn agya nsã nnom, na afei, yɛne no nna, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase adɔre.” 33Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na ɔbabaa panin no ne no kɔdaeɛ. Lot anhunu ɛberɛ korɔ a ne babaa panin no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ korɔ a ɔsɔre kɔeɛ. 34Adeɛ kyeeɛ no, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Nnora anadwo, me ne mʼagya daeɛ. Saa anadwo yi, ma yɛnsane mma no nsã nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase adɔre.” 35Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdaeɛ. Bio, Lot anhunu ɛberɛ ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ ko a ɔsɔre kɔeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.