Native Bible

Genesis 19:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsoro abɔfoɔ baanu no maa mpanin ne mmɔfra a wɔgyinagyina ɛpono no akyiri no ani firafiraeɛ enti, wɔanhunu ɛpono no koraa.

Genesis 19:11 in English

Genesis 19:11 · Berean Standard Bible

And they struck the men at the entrance, young and old, with blindness, so that they wearied themselves trying to find the door.

Context

9Ɛdɔm no teateaam sɛ, “Twe wo ho! Woyɛ hwan? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei deɛ worebɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ. Yɛne wo bɛdi no anibereɛ so asene nkurɔfoɔ no.” Ɛdɔm no twi faa Lot so, na wɔhyɛɛ aseɛ bubuu apono no. 10Nanso, ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyɛ efie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ efie hɔ, too ɛpono no mu. 11Ɔsoro abɔfoɔ baanu no maa mpanin ne mmɔfra a wɔgyinagyina ɛpono no akyiri no ani firafiraeɛ enti, wɔanhunu ɛpono no koraa. 12Afei, ɔsoro abɔfoɔ baanu no bisaa Lot sɛ, “Wowɔ abusuafoɔ bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmammaa, wo mmammarima anaa obi foforɔ bi a ɔyɛ wo ho onipa? Yi wɔn nyinaa firi ha, 13ɛfiri sɛ, yɛrebɛsɛe saa kuro yi pasaa. Amumuyɛsɛm a ɛtia nnipa yi a aduru Awurade anim no ano den enti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kuro yi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.