1 Mose 18:14
Genesis 18:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
Genesis 18:14 in English
Genesis 18:14 · Berean Standard Bible
Is anything too difficult for the LORD? At the appointed time I will return to you—in about a year—and Sarah will have a son.”*
Context
12Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?” 13Enti, Awurade bisaa Abraham sɛ, “Adɛn enti na Sara sere bisaa sɛ, ‘Ampa ara sɛ manyini aduru seyie yi, mɛtumi awo ba?’ 14Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.” 15Na Sara suro enti, ɔtwaa atorɔ sɛ, “Mansere.”
Nanso, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ wosereeɛ.” 16Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kɔgyaa wɔn kwan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.