Native Bible

Genesis 17:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede Kanaan asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. Ɛbɛyɛ asase a ɛyɛ wʼagyapadeɛ afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn.”

Genesis 17:8 in English

Genesis 17:8 · Berean Standard Bible

And to you and your descendants I will give the land where you are residing—all the land of Canaan—as an eternal possession; and I will be their God.”

Context

6Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afiri wɔn mu. 7Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefoɔ Onyankopɔn. 8Mede Kanaan asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. Ɛbɛyɛ asase a ɛyɛ wʼagyapadeɛ afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn.” 9Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo deɛ, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di mʼapam no so. 10Yei ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di so. Ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbarima biara twetia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.