Native Bible

Genesis 16:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa firi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahunu sɛ wanyinsɛn no enti, ɔtiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”

Genesis 16:5 in English

Genesis 16:5 · Berean Standard Bible

Then Sarai said to Abram, “May the wrong done to me be upon you! I delivered my servant into your arms, and ever since she saw that she was pregnant, she has treated me with contempt. May the LORD judge between you and me.”

Context

3Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ, ɔnware no. 4Abram ne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ. Ɛberɛ a Hagar hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔhyɛɛ aseɛ buu nʼawuraa Sarai animtia. 5Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa firi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahunu sɛ wanyinsɛn no enti, ɔtiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.” 6Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ, “Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn. 7Awurade ɔbɔfoɔ hunuu Hagar wɔ nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ no so. Na saa nsuo aniwa no da ɛkwan a ɛkɔ kuro bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.