1 Mose 12:4
Genesis 12:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum.
Genesis 12:4 in English
Genesis 12:4 · Berean Standard Bible
So Abram departed, as the LORD had directed him, and Lot went with him. Abram was seventy-five years old when he left Haran.
Context
2“Mɛma wo ayɛ ɔman kɛseɛ,
na mɛhyira wo.
Mɛma wo din atrɛ,
na woayɛ nhyira ama nnipa bebree. 3Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo,
na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.
Ɛnam wo so na wɔbɛhyira
nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” 4Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum. 5Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapadeɛ ne nʼasomfoɔ a ɔnyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, siim kɔɔ Kanaan asase so. 6Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.