Native Bible

Galatians 5:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Dwuma a bɔnesu di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, efi, ahohwie,

Galatians 5:19 in English

Galatians 5:19 · Berean Standard Bible

The acts of the flesh are obvious: sexual immorality, impurity, and debauchery;

Context

17Ɛfiri sɛ, deɛ honam pɛ no tia deɛ Honhom no pɛ; saa ara nso na deɛ Honhom no pɛ no, honam no tia. Ne mmienu no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ deɛ mopɛ. 18Sɛ mo nante Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase. 19Dwuma a bɔnesu di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, efi, ahohwie, 20abosonsom, adutoɔ, ɔtan, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, apereapereɛ, kunsunkunsun, mpaapaemu, 21nitan, nsãborɔ, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ mabɔ mo bi dada no sɛ, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.