Galatifoɔ 5:16
Galatians 5:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mese, montena ase wɔ Honhom mu, na moremma honam akɔnnɔ ho kwan.
Galatians 5:16 in English
Galatians 5:16 · Berean Standard Bible
So I say, walk by the Spirit, and you will not gratify the desires of the flesh.
Context
14Ɛfiri sɛ, Mmara no nyinaa tiawatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 15Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛnneɛ monhwɛ yie na moansɛe mo ho mo ho. 16Na mese, montena ase wɔ Honhom mu, na moremma honam akɔnnɔ ho kwan. 17Ɛfiri sɛ, deɛ honam pɛ no tia deɛ Honhom no pɛ; saa ara nso na deɛ Honhom no pɛ no, honam no tia. Ne mmienu no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ deɛ mopɛ. 18Sɛ mo nante Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.