Galatifoɔ 3:24
Galatians 3:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kɔsii sɛ Kristo baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnam gyidie so bɛbu yɛn bem.
Galatians 3:24 in English
Galatians 3:24 · Berean Standard Bible
So the law became our guardian to lead us to Christ, that we might be justified by faith.
Context
22Nanso, Atwerɛsɛm no aka sɛ, ewiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno enti, akyɛdeɛ a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wɔgye di no. 23Ansa na gyidie no reba no, Mmara no too yɛn mpɔkyerɛ kɔsii sɛ wɔbɛdaa gyidie no adi. 24Enti, Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kɔsii sɛ Kristo baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnam gyidie so bɛbu yɛn bem. 25Afei a berɛ aduru sɛ yɛgye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio. 26Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.