Ezra 9:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛseɛ fua. Ɛno enti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfoɔ ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔno, agu yɛn anim ase sɛdeɛ yɛte ɛnnɛ yi ara.
Ezra 9:7 in English
Ezra 9:7 · Berean Standard Bible
From the days of our fathers to this day, our guilt has been great. Because of our iniquities, we and our kings and priests have been delivered into the hands of the kings of the earth and put to the sword and captivity, to pillage and humiliation, as we are this day.
Context
5Ɛduruu afɔrebɔberɛ no, mesɔre gyinaa baabi a na mete hɔ awerɛhoɔ mu a masunsuane mʼatadeɛ mu, na mebuu nkotodwe, pagyaa me nsa kyerɛɛ Awurade, me Onyankopɔn. 6Mebɔɔ mpaeɛ sɛ:
“Ao me Onyankopɔn, mʼani awu yie, na mafɛre sɛ merepagya mʼani akyerɛ wo. Na yɛn bɔne asoa kɔ soro sene yɛn enti na yɛn afɔdie aduru ɔsorosoro. 7Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛseɛ fua. Ɛno enti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfoɔ ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔno, agu yɛn anim ase sɛdeɛ yɛte ɛnnɛ yi ara. 8“Nanso, seesei, wɔahunu yɛn mmɔbɔ kakra, ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaaseɛ. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beaeɛ kronkron ha. Yɛn Onyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegyeɛ bi afiri yɛn nkoasom mu. 9Ɛfiri sɛ, na yɛyɛ nkoa nanso, ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no enti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yie. Ɔkanyanee yɛn, sɛdeɛ yɛbɛtumi asane asi yɛn Onyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfoɔ no. Wama yɛn banbɔ afasuo wɔ Yuda ne Yerusalem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.