Ɛsra 8:35
Ezra 8:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na asutwafoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de anantwie dumienu, nnwennini aduɔkron nsia ne nnwammaa aduɔson nson, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Israel Onyankopɔn. Afei, wɔmaa mpapo dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Wɔde yeinom nyinaa baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Awurade.
Ezra 8:35 in English
Ezra 8:35 · Berean Standard Bible
Then the exiles who had returned from captivity sacrificed burnt offerings to the God of Israel: 12 bulls for all Israel, 96 rams, 77 lambs, and a sin offering of 12 male goats. All this was a burnt offering to the LORD.
Context
33Yɛduruiɛ no, ne nnanan so, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas babarima Eleasa ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifoɔ no nsa. 34Wɔkanee biribiara dodoɔ, karii ne mu duru, twerɛɛ biribiara. 35Na asutwafoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de anantwie dumienu, nnwennini aduɔkron nsia ne nnwammaa aduɔson nson, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Israel Onyankopɔn. Afei, wɔmaa mpapo dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Wɔde yeinom nyinaa baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Awurade. 36Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanimfoɔ ne amradofoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam, na wɔn nyinaa yɛɛ baako, boaa Onyankopɔn asɔredan no sie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.