Native Bible

Ezra 8:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane sɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ yɛn so no enti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmammarima ne ne nuammarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni.

Ezra 8:18 in English

Ezra 8:18 · Berean Standard Bible

And since the gracious hand of our God was upon us, they brought us Sherebiah—a man of insight from the descendants of Mahli son of Levi, the son of Israel—along with his sons and brothers, 18 men;

Context

16Enti, mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ no. Mesane soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ anyansafoɔ pa bi no nso. 17Mede wɔn kɔmaa Ido a na ɔtua Lewifoɔ ano no, wɔ Kasifia, bisaa ɔne nʼabusuafoɔ ne asɔredan no mu asomfoɔ no sɛ wɔmmrɛ yɛn asɔfoɔ mfa wɔn nkɔyɛ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu adwuma. 18Esiane sɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ yɛn so no enti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmammarima ne ne nuammarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni. 19Afei, wɔmaa Merari asefoɔ Yesaia, Hasabia ne ne mmammarima ne ne nuammarima aduonu 20ne asɔredan no mu asomfoɔ ahanu ne aduonu baeɛ. Na asɔredan mu asomfoɔ no yɛ Lewifoɔ no aboafoɔ a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfoɔ kuo bi a Dawid na ɔfaa wɔn kane. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.