Native Bible

Ezra 7:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa akyɛdeɛ yi, deɛ ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, nnwennini, nnwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔrebukyia so.

Ezra 7:17 in English

Ezra 7:17 · Berean Standard Bible

With this money, therefore, you are to buy as many bulls, rams, and lambs as needed, together with their grain offerings and drink offerings, and offer them on the altar at the house of your God in Jerusalem.

Context

15Yɛbɔ wʼaba so nso sɛ, fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔrebɔdeɛ a yɛrebɔ ama Israel Onyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ. 16Ɛno akyi, gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wobɛnya afiri Babilonia ne deɛ wɔde bɛkyɛ wo biara afiri ɔmanfoɔ ne asɔfoɔ nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. 17Saa akyɛdeɛ yi, deɛ ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, nnwennini, nnwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔrebukyia so. 18Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wʼafɛfoɔ mfa nni dwuma biara a mogye di sɛ ɛyɛ mo Onyankopɔn pɛ. 19Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Onyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.