Ɛsra 5:13
Ezra 5:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nanso, Babiloniahene Kores adedie mu afe a ɛdi ɛkan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsiesie Onyankopɔn asɔredan no.
Ezra 5:13 in English
Ezra 5:13 · Berean Standard Bible
In his first year, however, Cyrus king of Babylon issued a decree to rebuild this house of God.
Context
11Wɔn mmuaeɛ nie:
“Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Onyankopɔn no asomfoɔ, na yɛresane asi asɔredan a ɔhene kɛseɛ bi a na ɔwɔ Israel sii mfeɛ bebree a atwam nie no. 12Na ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn abufuo enti, ɔgyaee wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na ɔtwaa nkurɔfoɔ no asuo kɔɔ Babilonia. 13“Nanso, Babiloniahene Kores adedie mu afe a ɛdi ɛkan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsiesie Onyankopɔn asɔredan no. 14Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu Babilonia asɔredan mu no sane baeɛ. Wɔtasee saa nneɛma no firii saa asɔredan no mu, de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so. 15Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsane mfa nkuku ne nkaka no nsane nkɔgu wɔn guberɛ wɔ Yerusalem, na ɔnsane nsiesie Onyankopɔn asɔredan no ma ɛnyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.