Native Bible

Ezekiel 5:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwadeɛ no enti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ bi bio nso da.

Ezekiel 5:9 in English

Ezekiel 5:9 · Berean Standard Bible

Because of all your abominations, I will do to you what I have never done before and will never do again.

Context

7“Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Woayɛ asoɔden asene amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛdeɛ anaa me mmara so. Woanyɛ sɛdeɛ aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo. 8“Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim. 9Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwadeɛ no enti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ bi bio nso da. 10Enti, wɔ mo mu, agyanom bɛdi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkaeɛfoɔ akɔ mmaa nyinaa. 11Enti sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, ɛsiane sɛ wode nsɛsodeɛ tantan ne akyiwadeɛ nneyɛɛ agu me kronkronbea ho fi enti, mʼankasa mɛyi mʼadom afiri wo so; merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.