Hesekiel 5:4
Ezekiel 5:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na to gu ogya mu na hye. Ogya no bɛtrɛ afiri hɔ akɔ Israel efie nyinaa.
Ezekiel 5:4 in English
Ezekiel 5:4 · Berean Standard Bible
Again, take a few of these, throw them into the fire, and burn them. From there a fire will spread to the whole house of Israel.
Context
2Sɛ wo otua nna no ba awieeɛ a, fa ogya hye nwi no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa akofena twitwa nkyɛmu mmiɛnsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ mframa mu, ɛfiri sɛ mɛtwe akofena ataa wɔn. 3Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatadeɛ ano. 4Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na to gu ogya mu na hye. Ogya no bɛtrɛ afiri hɔ akɔ Israel efie nyinaa. 5“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yei ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia. 6Nanso, nʼamumuyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛeɛ asene aman ne nsase a atwa ne ho ahyia. Wapo me mmara, na wanni mʼahyɛdeɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.