Hesekiel 5:16
Ezekiel 5:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ meto me kɔm agyan a, borɔ wɔ ano, na ɛbɛsɛe wo. Mede ɛkɔm a emu yɛ den bɛba wo so, na masi wʼaduane a wonya ho ɛkwan.
Ezekiel 5:16 in English
Ezekiel 5:16 · Berean Standard Bible
When I shower you* with the deadly arrows of famine and destruction that I will send to destroy you, I will intensify the famine against you and cut off your supply * of food.
Context
14“Mɛyɛ wo mmubuiɛ ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wɔtwam hɔ no ani so. 15Wobɛyɛ ahohora ne fɛdideɛ, kɔkɔbɔ ne ahodwiredeɛ ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, wɔ ɛberɛ a mede abufuo ne abufuhyeɛ ne animka a ano yɛ den mɛtwe wʼaso. Me Awurade na maka. 16Sɛ meto me kɔm agyan a, borɔ wɔ ano, na ɛbɛsɛe wo. Mede ɛkɔm a emu yɛ den bɛba wo so, na masi wʼaduane a wonya ho ɛkwan. 17Mede ɛkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na ɔnni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe akofena wɔ wo so. Me Awurade na maka.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.