Hesekiel 48:32
Ezekiel 48:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Apueeɛ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson ne aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan.
Ezekiel 48:32 in English
Ezekiel 48:32 · Berean Standard Bible
On the east side, which will be 4,500 cubits long, there will be three gates: the gate of Joseph, the gate of Benjamin, and the gate of Dan.
Context
30“Yeinom ne apono a wɔbɛfa mu apue afiri kuropɔn no mu:
“Ɛfiri aseɛ wɔ atifi fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson ne aduonum no (6,750), 31wɔde Israel mmusuakuo dumienu no din bɛtoto kuropɔn apono no. Apono mmiɛnsa a ɛwɔ atifi fam no bɛyɛ Ruben ɛpono, Yuda ɛpono ne Lewi ɛpono. 32Apueeɛ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson ne aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan. 33Anafoɔ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon. 34Atɔeɛ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa bɛtoto Gad, Aser ne Naftali.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.