Native Bible

Ezekiel 47:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde me firii adi faa atifi fam ɛpono no mu na ɔde me faa mfikyire baa abɔntenpono a ani hwɛ apueeɛ no, na na nsuo no tene firi anafoɔ fam.

Ezekiel 47:2 in English

Ezekiel 47:2 · Berean Standard Bible

Next he brought me out through the north gate and led me around the outside to the outer gate facing east, and there I saw the water trickling out from the south side.

Context

1Ɔbarima no de me sane baa asɔredan no ɛkwan ano, na mehunuu sɛ nsuo firi asɔredan no aboboano ase a ɛtene kɔ apueeɛ fam (na asɔredan no ani hwɛ apueeɛ fam). Na nsuo no tene firii asɔredan no ase wɔ anafoɔ fam; afɔrebukyia no anafoɔ fam. 2Ɔde me firii adi faa atifi fam ɛpono no mu na ɔde me faa mfikyire baa abɔntenpono a ani hwɛ apueeɛ no, na na nsuo no tene firi anafoɔ fam. 3Ɛberɛ a ɔbarima no rekɔ apueeɛ fam a ɔkura susuhoma no, ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000), na afei ɔde me faa nsuo a ɛdeda nan ase mu. 4Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda kotodwe mu. Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda sisie mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.