Hesekiel 45:5
Ezekiel 45:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asase a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000) bɛyɛ beaeɛ a wɔbɛkyekyere nkuro ama Lewifoɔ a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
Ezekiel 45:5 in English
Ezekiel 45:5 · Berean Standard Bible
An adjacent area 25,000 cubits long and 10,000 cubits wide shall belong to the Levites who minister in the temple; it will be their possession for towns in which to live.*
Context
3Monsusu ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wɔbɛsi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no. 4Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfoɔ a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wɔbɛsisi wɔn afie na ayɛ beaeɛ kronkron ama kronkronbea no nso. 5Asase a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000) bɛyɛ beaeɛ a wɔbɛkyekyere nkuro ama Lewifoɔ a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapadeɛ. 6“ ‘Wɔbɛgya asase a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) a ɛtoa beaeɛ kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israel efie nyinaa dea. 7“ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no daberɛ bɔ hyeɛ. Ɛbɛtrɛ akɔ atɔeɛ fam ne apueeɛ fam akɔpem atɔeɛ ne apueeɛ ahyeɛ so, na ɛne mmusuakuo no mu baako asase abɔ hyeɛ wɔ atifi fam ne anafoɔ fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.