Native Bible

Ezekiel 44:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔhyɛne me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔtwi bɛn me ɛpono, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma.

Ezekiel 44:16 in English

Ezekiel 44:16 · Berean Standard Bible

They alone shall enter My sanctuary and draw near to My table to minister before Me. They will keep My charge.

Context

14Nanso mede asɔredan no mu dwumadie bɛhyɛ wɔn nsa. Wɔbɛyɛ ɛho som biara wɔ mu. 15“ ‘Na mmom asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne Sadok asefoɔ a wɔyɛɛ adwuma nokorɛm wɔ me kronkronbea ɛberɛ a Israelfoɔ fom ɛkwan no bɛtumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wɔgyina mʼanim na wɔbrɛ me sradeɛ ne mogya afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 16Wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔhyɛne me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔtwi bɛn me ɛpono, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma. 17“ ‘Sɛ wɔwura apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntadeɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu atadeɛ ɛberɛ a wɔresom wɔ apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ hɔ anaasɛ asɔredan no mu. 18Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotire na wɔhyehyɛ nwera ntadeɛ wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔate fifire.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.