Hesekiel 41:22
Ezekiel 41:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na afɔrebukyia a wɔde dua asene wɔ hɔ a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa a na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara susu anammɔn mmiɛnsa; ne ntweaso, ne nnyinasoɔ ne nʼafafa no, wɔde dua na ayɛ. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa ɛpono yi na ɛsi Awurade anim.”
Ezekiel 41:22 in English
Ezekiel 41:22 · Berean Standard Bible
There was an altar of wood three cubits high and two cubits square.* Its corners, base, and sides were of wood. And the man told me, “This is the table that is before the LORD.”
Context
20Asɔredan no mu, ɛfiri fam kɔsi ɛkwan a ɛda ɛpono no atifi ne afasuo ho nyinaa no, na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua. 21Na asɔredan no mu wɔ aponnwa a ɛyɛ ahanan, na deɛ ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara. 22Na afɔrebukyia a wɔde dua asene wɔ hɔ a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa a na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara susu anammɔn mmiɛnsa; ne ntweaso, ne nnyinasoɔ ne nʼafafa no, wɔde dua na ayɛ. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa ɛpono yi na ɛsi Awurade anim.” 23Asɔredan no mu ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apono a ɛyɛ afanu. 24Ɛpono biara wɔ mmukamu mmienu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.