Hesekiel 38:4
Ezekiel 38:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛkyinkyim wo na mede nnarewa asosɔ wʼapantan mu, na mede wo ne wʼakodɔm nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔtesofoɔ a wɔhyehyɛ akotaadeɛ ne ɛdɔm kɛseɛ a wɔkurakura akokyɛm akɛseɛ ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn akofena, apue.
Ezekiel 38:4 in English
Ezekiel 38:4 · Berean Standard Bible
I will turn you around, put hooks in your jaws, and bring you out with all your army—your horses, your horsemen in full armor, and a great company armed with shields and bucklers, all brandishing their swords.
Context
2“Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal ɔberempɔn no; hyɛ nkɔm tia no 3na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn. 4Mɛkyinkyim wo na mede nnarewa asosɔ wʼapantan mu, na mede wo ne wʼakodɔm nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔtesofoɔ a wɔhyehyɛ akotaadeɛ ne ɛdɔm kɛseɛ a wɔkurakura akokyɛm akɛseɛ ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn akofena, apue. 5Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura akokyɛm na wɔhyehyɛ wɔn dadeɛ kyɛ bɛka wɔn ho, 6afei Gomer ne nʼasraafoɔ nyinaa ne Bet-Togarma a wɔfiri atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafoɔ ne aman bebree bɛka wo ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.