Hesekiel 37:27
Ezekiel 37:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.
Ezekiel 37:27 in English
Ezekiel 37:27 · Berean Standard Bible
My dwelling place * will be with them; I will be their God, and they will be My people.*
Context
25Wɔbɛtena asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob, asase a mo agyanom tenaa soɔ. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me ɔsomfoɔ Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn afebɔɔ. 26Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔre na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu afebɔɔ. 27Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ. 28Afei amanaman no bɛhunu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, ɛberɛ a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.