Native Bible

Ezekiel 37:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mobɛnya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade na makasa na mayɛ nso, Awurade asɛm nie.’ ”

Ezekiel 37:14 in English

Ezekiel 37:14 · Berean Standard Bible

I will put My Spirit in you and you will live, and I will settle you in your own land. Then you will know that I, the LORD, have spoken, and I will do it, declares the LORD.’”

Context

12Ɛno enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me nkurɔfoɔ, merebɛbuebue mo adamena na mayi mo afiri mu apue. Mede mo bɛsane aba Israel asase so. 13Afei mo, me nkurɔfoɔ, sɛ mebuebue mo adamena na meyiyi mo firi mu a, mobɛhunu sɛ mene Awurade no. 14Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mobɛnya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade na makasa na mayɛ nso, Awurade asɛm nie.’ ” 15Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 16“Onipa ba, fa dua na twerɛ ho sɛ, ‘Yei gyina hɔ ma Yudafoɔ ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no.’ Afei fa dua foforɔ na twerɛ ho sɛ, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israel efie a wɔka ne ho nyinaa dea.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.