Native Bible

Ezekiel 36:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔbɛdɔɔso sɛ nnwankuo a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ afahyɛ nna. Saa ara na nnipa dodoɔ bɛhyɛ nkuropɔn a abubuo no so ma. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”

Ezekiel 36:38 in English

Ezekiel 36:38 · Berean Standard Bible

Like the numerous flocks for sacrifices at Jerusalem during her appointed feasts, so the ruined cities will be filled with flocks of people. Then they will know that I am the LORD.”

Context

36Afei aman a aka a atwa wo ho ahyia no bɛhunu sɛ me Awurade, makyekyere deɛ na asɛeɛ na madua wɔ deɛ na ada mpan soɔ, me Awurade na maka na mɛyɛ.’ 37“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛtie Israel efie abisadeɛ na mayɛ yei ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfoɔ adɔɔso sɛ nnwan, 38wɔbɛdɔɔso sɛ nnwankuo a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ afahyɛ nna. Saa ara na nnipa dodoɔ bɛhyɛ nkuropɔn a abubuo no so ma. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.