Hesekiel 35:13
Ezekiel 35:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na meteeɛ.
Ezekiel 35:13 in English
Ezekiel 35:13 · Berean Standard Bible
You boasted against Me with your mouth and multiplied your words against Me. I heard it Myself!
Context
11enti, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, me ne wo bɛdi no sɛdeɛ abufuo ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotanee wɔn no mu no teɛ, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, ɛberɛ a mɛbu wo atɛn. 12Afei, wobɛhunu sɛ me Awurade, mate animtiabuo nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ. Wokaa sɛ, “Wɔama ada mpan na wɔadane ama yɛn sɛ yɛmfa.” 13Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na meteeɛ. 14Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛberɛ a ewiase nyinaa redi ahurisie no, mɛma woada mpan. 15Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.