Native Bible

Ezekiel 34:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

mɛgye me nnwankuo na wɔrenfom wɔn bio. Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn.

Ezekiel 34:22 in English

Ezekiel 34:22 · Berean Standard Bible

I will save My flock, and they will no longer be prey. I will judge between one sheep and another.

Context

20“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre ne nnwan a wɔafonfɔn ntam atɛn. 21Esiane sɛ, mode mo nkyɛnmu ne mmatire puapua nnwan a wɔnni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kɔsi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri enti, 22mɛgye me nnwankuo na wɔrenfom wɔn bio. Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn. 23Mɛma odwanhwɛfoɔ baako, me ɔsomfoɔ Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ. 24Na me, Awurade, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na me ɔsomfoɔ Dawid ayɛ wɔn mu ɔberempɔn. Me Awurade na maka.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.