Hesekiel 31:10
Ezekiel 31:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti,
Ezekiel 31:10 in English
Ezekiel 31:10 · Berean Standard Bible
Therefore this is what the Lord GOD says: ‘Since it became great * in height and set its top among the clouds,* and it grew proud on account of its height,
Context
8Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu
nto no,
na pepeaa nnua nso
dubaa ne no nyɛ pɛ,
na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nso
ntoto ne mman ho,
dua biara nni Onyankopɔn turo
no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no. 9Mebɔɔ no ahoɔfɛ
maa no mman bebree,
na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa
Onyankopɔn turo no mu no
ani beree no. 10“ ‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti, 11mede no hyɛɛ amanaman sodifoɔ nsa, sɛ ɔne no nni no sɛdeɛ nʼamumuyɛ teɛ. Mepoo no, 12na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ wɔ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.