Native Bible

Ezekiel 3:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti, mɛma woayɛ asoɔden ne akomapirim te sɛ wɔn.

Ezekiel 3:8 in English

Ezekiel 3:8 · Berean Standard Bible

Behold, I will make your face as hard as their faces, and your forehead as hard as their foreheads.

Context

6Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nteɛ na ɛyɛ den. Ɛnyɛ wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo nnipa a wɔnte wo kasa a, anka wɔtiee wo. 7Nanso Israelfoɔ mpɛ sɛ wɔtie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Israel nyinaa ayɛ akoma pirim ne asoɔden. 8Ɛno enti, mɛma woayɛ asoɔden ne akomapirim te sɛ wɔn. 9Mɛyɛ wo aniɔden te sɛ ɛboɔ, deɛ ɛyɛ den sene twerɛboɔ. Nsuro wɔn, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ.” 10Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yie na dwene ho wɔ wʼakoma mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.