Hesekiel 3:21
Ezekiel 3:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni no kɔkɔ sɛ ɔnnyae bɔneyɛ na ɔgyae a, ɔbɛnya nkwa, ɛfiri sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ, na wo nso wobɛgye wo ho nkwa.”
Ezekiel 3:21 in English
Ezekiel 3:21 · Berean Standard Bible
But if you warn the righteous man not to sin, and he does not sin, he will indeed live because he heeded your warning, and you will have saved yourself.”
Context
19Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ na sɛ wansakyera amfiri nʼamumuyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa. 20“Bio, sɛ ɔteneneeni dane firi tenenee ho kɔyɛ bɔne a, mede suntidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ enti, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu. Adetenenee ahodoɔ a ɔyɛeɛ no, wɔrenkae, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. 21Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni no kɔkɔ sɛ ɔnnyae bɔneyɛ na ɔgyae a, ɔbɛnya nkwa, ɛfiri sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ, na wo nso wobɛgye wo ho nkwa.” 22Na Awurade tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na kɔ ɛserɛ no so, na ɛhɔ na mɛkasa akyerɛ wo.” 23Enti mesɔre kɔɔ ɛserɛ no so. Na Awurade animuonyam te sɛ deɛ mehunuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuu fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.