Native Bible

Ezekiel 23:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Wɔsomaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ mmarima a wɔfiri akyirikyiri baeɛ, na wɔbɛduruiɛ no, modwareeɛ, kekaa mo ani akyi, de mo adwinneɛ hyehyɛɛ mo ho maa wɔn.

Ezekiel 23:40 in English

Ezekiel 23:40 · Berean Standard Bible

Furthermore, you sisters sent * messengers for men who came from afar; and behold, when they arrived, you bathed for them, painted your eyes, and adorned yourself with jewelry.

Context

38Wɔde yei nso ayɛ me: Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, wɔguu me kronkronbea ne me home nna ho fi. 39Ɛda a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛnee me kronkronbea hɔ kɔguu ho fi. Yei na wɔyɛɛ wɔ me fie. 40“Wɔsomaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ mmarima a wɔfiri akyirikyiri baeɛ, na wɔbɛduruiɛ no, modwareeɛ, kekaa mo ani akyi, de mo adwinneɛ hyehyɛɛ mo ho maa wɔn. 41Motenaa akonnwa papa bi a wɔde ɛpono a wɔasɛ so asi anim. Ɛso na mode nnuhwam ne ngo a anka ɛyɛ me dea sisiiɛ. 42“Na hooyɛ a ɛfiri nipakuo bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafoɔ firi ɛserɛ no so ne mmarima a wɔfiri ɛdɔm no mu baeɛ na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbaa no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.