Hesekiel 21:4
Ezekiel 21:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ merebɛyi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu enti, mʼakofena bɛfiri ne bɔha mu atia obiara, firi anafoɔ fam kɔsi atifi fam.
Ezekiel 21:4 in English
Ezekiel 21:4 · Berean Standard Bible
Because I will cut off both the righteous and the wicked, My sword will be unsheathed against everyone from south to north.
Context
2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase 3na ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼakofena afiri ne bɔha mu de ayi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu. 4Esiane sɛ merebɛyi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu enti, mʼakofena bɛfiri ne bɔha mu atia obiara, firi anafoɔ fam kɔsi atifi fam. 5Afei nnipa nyinaa bɛhunu sɛ me Awurade, matwe mʼakofena afiri ne bɔha mu na ɛrensane bio.’ 6“Enti si apinie, onipa ba! Fa akoma a abubuo ne awerɛhoɔ a ano yɛ den si apinie wɔ wɔn anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.