Hesekiel 20:12
Ezekiel 20:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mede me home nna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ yɛn ntam, sɛdeɛ wɔbɛhunu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron.
Ezekiel 20:12 in English
Ezekiel 20:12 · Berean Standard Bible
I also gave them My Sabbaths as a sign between us, so that they would know that I am the LORD who sanctifies them.
Context
10Enti medii wɔn anim firii Misraim, de wɔn baa ɛserɛ no so. 11Mede me nhyehyɛeɛ maa wɔn na me ma wɔhunuu me mmara, ɛfiri sɛ obiara a ɔdi soɔ no nam so bɛnya nkwa. 12Na mede me home nna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ yɛn ntam, sɛdeɛ wɔbɛhunu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron. 13“ ‘Nanso, Israelfoɔ tee mʼanim atua wɔ ɛserɛ no so. Wɔanni me nhyehyɛeɛ so, na wɔpoo me mmara no, nanso onipa a ɔbɛdi soɔ no bɛnya nkwa wɔ wɔn mu, na wɔguu me home nna ho fi koraa. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so na masɛe wɔn wɔ ɛserɛ no so. 14Nanso, me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma ho ɛkwan ma wɔnngu me ho fi wɔ amanaman a meyii wɔn firii so no ani so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.