Hesekiel 17:21
Ezekiel 17:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nʼakodɔm a wɔredwane nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, na wɔn a wɔbɛnya wɔn ti adidim no, mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade makasa.
Ezekiel 17:21 in English
Ezekiel 17:21 · Berean Standard Bible
All his choice troops * will fall by the sword, and those who survive will be scattered to every wind. Then you will know that I, the LORD, have spoken.’
Context
19“ ‘Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtooɛ, ne mʼapam a ɔbuu so no abɔ ne tiri so. 20Mɛtrɛ mʼasau mu wɔ ne so na mʼafidie bɛyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, ɛfiri sɛ wanni me nokorɛ. 21Nʼakodɔm a wɔredwane nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, na wɔn a wɔbɛnya wɔn ti adidim no, mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade makasa. 22“ ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ankasa mɛpan mman afiri ntweneduro dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afiri ne nkɔn mu akɔdua wɔ bepɔ tentene bi so. 23Mɛdua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea. Ɛbɛyiyi mman na aso aba na ayɛ ntweneduro dua a ɛdi mu. Nnomaa ahodoɔ bɛyɛ wɔn mpirebuo wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwunu mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.